AK/Prabhupada 0042 - Saa asubɔ yi, ma ɛnya wo asɛn hia



Initiation Lecture Excerpt -- Melbourne, April 23, 1976

Prabhupāda: Caitanya-caritāmṛta mu no, bere a ɔrekyerɛkyerɛ Śrīla Rūpa Gosvāmī ade no Caitanya Mahāprabhu kae se,

ei rūpe brahmāṇḍa bhramite kona bhāgyavān jīva
guru-kṛṣṇa-kṛpāya pāya bhakti-latā-bīja
(CC Madhya 19.151)

Saa akra yi, wɔfi honam dua baako mu ko foforo mu ena wofi ewiase baako kɔ foforo mu bere bi wɔ hɔ a wɔn tebea ne homam dua no sesa Eyi re kɔ so. Wɔfrɛ eyi se saṁsāra-cakra-vartmani. Nnɛra anadwofa na yɛre kyerɛ mu, mṛtyu-saṁsāra-vartmani. Asɛm a wɛaka ne, mṛtyu-saṁsāra-vartmani. Abrabɔ mu akwan horow, sɛ wobewu. Obiara suro sɛ ɛbewu efisɛ obiara ennim na ebesi owu akyi. Sɛbe, nkwasea fo no, wɔyɛ mmoa. Ɛte sɛ mmoa no, wɔre kum bi no na ebi nso adwene ne sɛ "me de mennya nwui." Enti obiara a ɔwɛ nimdeɛ kakra no ɔmpɛ sɛ obewu na w'afa honam dua foforo. Na yennim honam dua a owu akyi yɛ benya. Enti, asubɔ yi ɛyɛ guru ne Kṛṣṇa adɔe. Monfa nnyɛ agoru. Momma mo ani mmere ho. Ɛyɛ akwan gya kɛse. Bīja ase kyerɛ sɛ aba, atuhoakyɛ (bhakti) aba. Enti bɔ biara a w'hyɛ Awurade anim no, wɔ wo kyerɛkyerɛfo, ogya, ne asuafo (Vaiṣṇava fo) no anim, monni saa bɔhyɛ yi so. Eyi na ɛbema mo sunsum mu abrabo atu mpɔn: mommɔ aguaman anaa sɛ monni mpanyi agoru bere a monnyɛ ɔyere ne okunu, monndi nam, monntow Kya kya, monnom nsa - Saa nneɛma anan yi - ɛna afei, monto Hare Kṛṣṇa - Yiw baako. Daabi anan ɛne yiw baako. Eyi bɛma w'abra bɔ adi mu. Eyi da fam koraa. Ɛnnyɛ den. Nanso māyā (bonsam) ho yɛ den, bere bi wɔ hɛ a ɔbɛ dadaa yɛn. Enti bere biara a māyā bɛ dadaa wo biara no, bɔ Kṛṣṇa mpae "Mesrɛ wo gye me. Me yɛ w'kwa, mebrɛ me ho ase me ma wo, bɔ me ho ban," Kṛṣṇa be bɔ wo ho ban. Nanso monhɛ yiye na saa akwangya yi ampare mo. Eyi ne m'abisade. Me hyira mo kosɛ kosɛ. Enti momma yɛnfa saa bhakti (atuhoakyɛ) akwanngya yi, bhakti-latā-bīja. Mālī hañā sei bīja kare āropaṇa. Enti, sɛ wonya aba pa a, wo dua no asase mu. Nhwɛso no ne sɛ, se wonya rose nhwiren fɛfɛ bi aba a, wo dua no asase mu na w'ama no nsu nkakra nkakra. Ebe nyin. Enti saa aba yi wo gu so nsu a ebenyin. Den sɛ wo begu so yi? Śravaṇa kīrtana jale karaye secana (CC Madhya 19.152). Sɛ wo bɛgu aba yi so nsu no, bhakti-latā, ɛne śravaṇa-kīrtana, tie na ka nea wote no so, si so bio. Enti mo bɛkoso ate nkyerɛkyerɛ yi afi sannyāsī fo(asɔfo mpanyin) ɛne asuafo (Vaiṣṇava) fo no nkyɛn. Na mmom momma saa akwanngya yi ɛmpare mo. Eyi ne m'abisade. Me da mo ase paa. Asuafo: Mmo ne kasa Ɔdɛɛfo Prabhupada!