AK/Prabhupada 0044 - Ɔsom asekyerɛ ne sɛ wo de nidi ma Owura no asɛm



Lecture on BG 4.1 -- Montreal, August 24, 1968

Enti eyi kyerɛ sɛɛ ɔre di Kṛṣṇa akwankyerɛ no akyi. Ɛno ara nen. Ɛnfa ho sɛ "Me bɛ yɛ Kṛṣṇa tan fo." Botae no ara ne sɛ ɔredi mmara no so. Sɛ Kṛṣṇa se "Bɛyɛ me tanfo a," Metumi ayɛ ne tanfo. Eyi ne atuho akyɛ som no (bhakti-yoga). Yiw. Mepɛ sɛ mesɔ Kṛṣṇa ani. Ɛte sɛ nea owura bi ka kyerɛ n'akoa se "Bɔ me wɔ ha." Enti, ɔbɔ me saa ara. Eyi yɛ som. Ebinom besusuw sɛ, "Oh ɔre bɔ me na osusuw sɛ, me som. Ase kyerɛ ne dɛn? Ɔre bɔ no." Nanso ɛyɛ owura no pɛ "Wode bɔ me." Eyi yɛ ɔsom. Ɔsom kyerɛ sɛ wo bɛ di wo wura asɛm so. Ɛnfa ho, nea owura no pɛ. Yɛde Awurade Caitanya ne bra bɛyɛ nfa toho. na ɔwɔ akoa bi a wɔfrɛ no Govinda. Enti, Awurade Caitanya adidi (prasādam) awie no, na Govinda nso adidi. Enti dakoro bi, Awurade Caitanya adidi awie no Ɔdaa ɔpon no ano sɛ ɔrehome. Wɔfrɛ no dɛn? Ɔpon? ɔkwan ano? Enti Govinda tu traa No Na Govinda twetwe n'nan bere biara a ɔre da ahome no. Enti Govinda bɔ traa Awurade Caitanya na ofitii ase twetwee n'anan. Enti Awurade Caitanya faa mu dae, bɛyɛ dɔnhwerew fa anaa baako akyi, Ɔsɔree no, ohuu Govinda na obisaa no "w'adidi anaa?" "Daabi, me wura." Adɛn?" "Mentumi mmɔ ntra wo. W'ada ɔkwan no ano." "Enti wo yɛɛ dɛn bae?" " Me bɔ trae." "Ɔkwan bɛn so na wodii kan tra bae, adɛn na wonsan ntra nkɔ?" "Sɛ me bae sɛ mebɛsom wo. Sesei no mentumi mmɔ ntra wo na menkɔ didi. Eyi nnyɛ m'adwuma. Ɛno yɛ me de. Eyi nso de ɛyɛ wo de." Enti, sɛ ɛyɛ Kṛṣṇa ne pɛ a wobetumi ayɛ ɔtamfo, adamfo anaa biribiara. Eyi ne bhakti -yoga no. Efi sɛ wo botae ara ne sɛ wobɛsɔ Kṛṣṇa ani. Enti, sɛ edu mpɛnpɛnso bi na wo pɛ sɛ wo gye w'ani pɛ, na w'aba ewiase ti mu.

kṛṣṇa-bahirmukha hañā bhoga vāñchā kare
nikaṭa-stha māyā tāre jāpaṭiyā dhare
(Prema-vivarta)

Sɛ yɛn werɛ fi Kṛṣṇa na yɛpɛ sɛ yɛyɛ ade a ɛbɛma yɛn ani agye a, eyi ne māyā (nnadaa) no. Nanso, yegyae sɛ yɛbɛ gye yɛn ani a na yɛbɛyɛ nea ɛbɛsɔ Kṛṣṇa ani a eyi yɛ fawohodi.