AK/Prabhupada 0047 - Obi nhaw Krishna



Lecture on BG 7.1 -- Upsala University Stockholm, September 8, 1973

Yoga gu ahorow, bhakti-yoga, jñāna-yoga, karma-yoga, haṭha-yoga, dhyāna-yoga. yoga ahorow bebree. Nanso, bhakti-yoga kyɛn no nyinaa. W'akyerɛ mu wɔ eti a etwa to no mu. Me kenkan eti a ɛtɔ so ɛsɔn no. Eti a ɛtɔ so asia no awiei no, Kṛṣṇa se:

yoginām api sarveṣāṁ
mad-gatenāntar-ātmanā
śraddhāvān bhajate yo māṁ
sa me yuktatamo mataḥ
(BG 6.47)

Yoginām api sarveṣām: Nea ɔyɛ yoga no wɔfrɛ no yogi. Enti Kṛṣṇa se, yoginām api sarveṣām:" Wɔn a wɔyɛ yoga nyinaa no..." M'adi kan aka se yoga gu ahorow. "Wɔn a wɔyɛ yoga nyinaa...." Yoginām api sarveṣām. Sarveṣām ase kyerɛ sɛ "wɔn a wɔyɛ yoga nyinaa." Mad-gatenāntar-ātmanā: "Nea ɔdwene Me ho ne koma mu no." Yɛbetumi adwene Kṛṣṇa ho. Yɛwɔ Kṛṣṇa. Yɛsom Kṛṣṇane honi. Enti sɛ yɛsom Kṛṣṇa ne honi a a ɛne Kṛṣṇa din sɛ a, anaa, Kṛṣṇa honi enni hɔ na, Sɛ yɛbɔ Kṛṣṇa din kronkron no nso a, ɛno nso yɛ Kṛṣṇa. Abhinnatvān nāma-nāminoḥ (CC Madhya 17.133). Kṛṣṇa di mu. Enti nsonsonoe biara nni Ne honam ne Ne Nsonsonoe enni ne Honam ne ne din mu. nsonsonoe enni ne din ne ne mfoni mu. nsonsonoe enni ne din ne nsɛm a ɛfa ne ho. Biribiara a ɛfa Kṛṣṇa ho yɛ Kṛṣṇa. Eyi yɛ nimdeɛ a edi mu. Sɛ wobɛ tonton ne din anaa wobɛ som ne honi, biribiara yɛ Kṛṣṇa.

Enti atuhuakyɛ som nso wɔ mu ahorow.

śravaṇaṁ kīrtanaṁ viṣṇoḥ
smaraṇaṁ pāda-sevanam
arcanaṁ vandanaṁ dāsyaṁ
sakhyam ātma-nivedanam
(SB 7.5.23)

Tie nsɛm a ɛfa Kṛṣṇa ho. Sɛ wobɛ te no nso yɛ Kṛṣṇa. Ɛte sɛ sesei yɛ be tie Kṛṣṇa ho nsɛm yi. Enti sɛ yɛ tie, ɛno nso yɛ Kṛṣṇa. Mmerante ne mmabaa yi, wɔ tonton Awurade din. Eyi nso yɛ Kṛṣṇa. Śravaṇaṁ kīrtanam. Na afei smaraṇam. Sɛ wo tonton Kṛṣṇa din, na wokae ne mfoni a, eyi nso yɛ Kṛṣṇa. Anaa wohu Kṛṣṇa mfoni. Ɛno nso yɛ Kṛṣṇa. Wohu Kṛṣṇa ne honi. Ɛno nso yɛ Kṛṣṇa. Sua biribi fa Kṛṣṇa ho. Ɛno nso yɛ Kṛṣṇa. Enti ɔkwan biara so,

śravaṇaṁ kīrtanaṁ viṣṇoḥ
smaraṇaṁ pāda-sevanam
arcanaṁ vandanaṁ dāsyaṁ
sakhyam ātma-nivedanam
(SB 7.5.23)

Nneɛma yi mu biara a wogye to mu no, wo ne Kṛṣṇa di nkitaho. Sɛ wobegye nneɛma akron no nyinaa ato mu anaa wobegye emu awɔtwe, ɛsɔn ana asia ato mu ana emu anum, anan, ɛbiesa, ɛbien ana baako, Sɛ wo somu fenenkyemm a...., Edin a yɛtonton yi. Yentua ho hwee. Yɛ tonton edin no ewiase afanan nyinaa. Obiara betumi atie yɛn na w'atonton din no bi. Wontua hwee. Na wo tonton edin no a, wonhwere hwee. Enti....Nanso, wo yɛ a wobe hu Kṛṣṇa. Eyi ne mfaso no. Ɛhɔ ara. Efisɛ Kṛṣṇa din ne Kṛṣṇa honam sɛ....

Abhinnatvān nāma-nāminoḥ (CC Madhya 17.133). Eyi ne nkyerɛmu a Vedic nhoma de ato gua. Abhinnatvān nāma-nāminoḥ. Nāma cintāmaṇiḥ kṛṣṇaḥ. Kṛṣṇa din no yɛ cintāmaṇi. Cintāmaṇi kyerɛ sɛ sunsum mu. Cintāmaṇi-prakara-sadmasu kalpa-vṛkṣa-lakṣāvṛteṣu (Bs. 5.29).Cintāmaṇi-prakara-sadmasu kalpa-vṛkṣa-lakṣāvṛteṣu (Bs. 5.29). Eyi ne Vedic nkyerɛkyerɛ no. Baabi a Kṛṣṇa te, w'akyerɛ: cintāmaṇi-prakara-sadmasu kalpa-vṛkṣa-lakṣāvṛteṣu surabhīr abhipālayantam (Bs. 5.29). Enti, nāma, Kṛṣṇa din kronkron no, ɛno nso yɛ cintāmaṇi, sunsum mu ade. Nāma cintāmaṇiḥ kṛṣṇaḥ. Ɔno ara ne Kṛṣṇa, Nipa Dua no. Nāma cintāmaṇiḥ kṛṣṇaś caitanya (CC Madhya 17.133). Caitanya ase kyerɛ sɛ nea enwui, ɔteasefo. Sɛ wobɛ tonton Kṛṣṇa din anaa wone no bɛkasa, mfaso baako no ara no wobenya. Ma wo ho bere. Wobɛte ase. Nāma cintāmaṇiḥ kṛṣṇaś caitanya-rasa-vigrahaḥ. Rasa-vigraha kyerɛ sɛ anigye, anigye nyinaa farebae. Sɛ wo tonton edin Hare Kṛṣṇa no, nkakra nkakra wobenya atenka soronko bi. Mmerante ne mmabaa a wohu wɔn wɔ aha yi, wɔde anigye to nnwom saw. Obiara antumi anni wɔn akyi. Nanso wɔnbɔɔ dam ɛ, wɔre tonton Ne din mo. Wɔwɔ anigye soronko bi Enti wɔre saw. Ɛnnyɛ okraman asaw. Daabi. Eyi yɛ sunsum mu asaw, ɔkra asaw. Enti....wɔfrɛ No, rasa-vigraha, anigye nyinaa farebae.

Nāma cintāmaṇiḥ kṛṣṇaś caitanya-rasa-vigrahaḥ pūrṇaḥ (CC Madhya 17.133). Purna, adi mu. Ɛnnyɛ sɛ ɛso atew ɔha mu nkyɛmu baako. Daabi. Ɔha mu nkyɛmu ɔha Kṛṣṇa. Adi mu.Pūrṇa. Pūrṇa kyerɛ sɛ adi mu. Pūrṇaḥ śuddhaḥ. Śuddha kyerɛ sɛ ɛho atew. Bɔne wɔ ewiase yi mu. Ewiase, din biara a wobɔ, esiane sɛ bɔne ahyɛ yɛn ma enti, wontumi ntoa so ma ɛnkyɛ. Eyi yɛ osuahu foforo. Nanso, sɛ wo kɔso tow Hare Kṛṣṇa nnwom yi a, wotoa so dɔn hwerew aduonu anan a, wommerɛ. Eyi ne nsɔhwɛ no. Kɔ so to ayɛyi nnwom. Mmerante yi betumi ato nnwom dɔnhwerew aduonu-anan a wonnidi na wɛn nom nsu. Ɛyɛ dɛ. Efisɛ edi mu, sunsum mu, śuddha. Śuddha ase kyerɛ sɛ ɛho tew. Ewiase fi biara anka no. Ewiase akɔnnɔde..... Ewiase akɔnnɔde aaa edi akoten ne sɛ mmaaarima ne mmea sɛbe, ɛfa wɔnho. Nanso, wontumi enni saa agoru yi dɔn hwerew aduonu anan. Wɔntumi. Wo betumi adi saa agoru yi sima kakraa bi. Asa. Se wɔhyɛ wo mpo a, wonnyɛ. "Daabi, eye." Eyi yɛ wiase akɔnnɔ. Sunsum mu akɔnnɔ enni awiei. Wobegye w'ani atoa so, dɔnhwerew aduonu anan. Ɛyɛ sunsum mu anigye. Brahma-saukhyam anantam (SB 5.5.1). Anantam. Anantam ase kyerɛ sɛ enni awiei.