AK/Prabhupada 0046 - Nnan wo ho aboa - Yi ano



Morning Walk -- May 28, 1974, Rome

Yogeśvara: Ansa ɔre fi ha no, Bhagavān de nsɛm bi gyaa sɛ me mbisa wo. Ɔkwan da hɔ anaa?

Prabhupāda: Yiw.

Yogeśvara: Asɛm hia baako a ɛtaa esi ne akrɔnfo werɛmfo a aba no, Mekyerɛ sɛ, mmarima bi a amanyɔ sɛm enti wɔbɔ krɔno

Prabhupāda: Yiw wɔn botae no m'akyerɛ mu dedaw. Wɔye sɛbe mmoa. Bere bi wɔ hɔ a mmoa ahorow Mmoa gu ahorow. Ɔsebɔ ɛne gyata. Nanso wo ne mmoa na ɛte. Enti baabi a mmoa ɛte bom no, ɛnnyɛ nwowa sɛ aboa bi de n'ani bɛsa ne yɔnko aboa. Enti, wo ne mmoa na ɛte. Enti yɛ w'ade sɛ onipa, ɛho ntew. Ano yi a mewɔ ara ni. Y'aka dedaw sɛ, eyi yɛ mmoa kuw. Sɛ aboa bi yi neti adi a, Ne nwawa ne dɛn? Ɛyɛ mmoa kuw. Sɛ ɔsebɔ ana ɔsono bɛba, wɔn nyinaa yɛ mmoa. Nanso wonnyɛ aboa. Siw ano. Eyi ho hia. Onipa yɛ aboa a ɔdwene. Ɛho hia sɛ wobɛyɛ w'adwene ho adwuma. Sɛ wobɛtena tesɛ aboa de a, ɛre mmoa wo. Ɛsɛ sɛ woyɛ w'ade tesɛ onipa. Nanso, durlabhaṁ mānuṣaṁ janma tad apy adhruvam arthadam.(SB 7.6.1)

Nanso nipa yi wonni botae biara wɔ abrabɔ yi mu. Wonnim botae a ɛwɔ honam dua yi so..., wonnim Enti wɔn mmoa su da adi akwan horow so. Ɛtesɛ wɔakɔ hwɛ nnipa bi a wɔde wɔadagyaw resaw. Mooa su no nen. Ohu ne yere n'adagyaw dabiara, Nanso otua sika kɔhwɛ mmea a w'apa wɔn ho kwaterekwa na wɔsaw no. Efisɛ wonni suban papa bi ara a wɔda no adi gye saa mmoa su yi. Meboa? Enti mfaso bɛn a ɛwɔ so sɛ wobɛhwɛ ɔbea foforo a w'apa ne ho? Adkyee ne adesaa biara wo hu wo yere adagyaw. Adɛn na....Efisɛ wonni biribi papa bi yɛ. Mmoa. Punaḥ punaś carvita-carvaṇānām (SB 7.5.30). Ɔkraman, ɔnte dɛw biara. Ɛno ara ne sɛ ɔbobɔ dompe mu saa ara Esiane sɛ ɔyɛ aboa enti. Onni biribi papa bi yɛ. Enti sɛ yɛte yi ne titiriw enyiresi aburokyiri mpɔtam ha, nipa adan wɔn ho sɛbe, mmoa. Ɛna wɔama saa mmoa so yi ahyɛ wɔn so. Sɛ "Me ne honam dua yi, botae a esi m'ani so wɔ m'abrabɔ mu ne sɛ megye m'ani." Oyi yɛ sɛbe aboa. "Meyɛ honam dua yi." Honam dua kyerɛ sɛ atenka. "Enti botae titiriw ne sɛ mɛhyɛ m'atenka mu kena." Eyi ne wɔn anibuei. Enti ɛsɛ mo sɛ mo da nipa su adi. Momma ɛnnyɛ mo nwowa, aboa a ɔte nipa dua mu, tebea ahorow da adi. Ɔyɛ aboa. Botae titiriw ne sɛ wɔda aboa su adi Efisɛ n'adwene are ne sɛ, "Me yɛ honam dua yi..." Sɛnea ɔkraman re dwene sɛ "Meyɛ ɔkraman, me ho yɛ den," Saa ara onipa be redwene sɛ, "meyɛ ɔman kɛse." Nanso botae titiriw ne dɛn? Aboa adwene gyina ne honam dua so, ɛna saa ɔman kɛse yi nso adwenedwene egyina ɔhonam yi so. Enti nsononsonoe enni ɔkraman ne ɔman kɛse no ntam. Nsononsonoe a ɛda mu ara ne sɛ abɔde de atenka papa na akyɛ onipa Na onni ahoɔden anaa, ntetewee biara a ɛkyerɛ kwan a ɔbɛhyɛ n'atenka so sɛnea ɔbɔ tu mpɔn sunsum mu na w'afi ewiase yi mu. Onni saa adwene yi. Ɔde saa nimdeɛ pa yi edi sɛbe mmoa sɛm. Asɛm no ase nen. Onni ntetewee biara sɛnea wɔde nimdeɛ di dwuma. Enti, ɔde ne nimdeɛ no bɔ mmoa bra. Nanso ewiase nyinaa, yehu anyiresi abrɔfo sɛ nipa bi a w'atu mpɔn yiye wɔ nimdeɛ mu. Mpontu bɛn ni? Mmoa mpontu. Botae no ne mmoa adwene. Ɛyɛ wɔn nwowa. Wɔboa ama mmoa su atu mpɔn wɔ nipa asetena mu. Sesei ɛsɛs sɛ yɛdan no na nipa su tu mpɔn wɔ nipa mu.