AK/Prabhupada 0055 - Sɛ yɛbɛ yɛ osetie de atwuw abɛn Krishna



Lecture on BG 2.18 -- Hyderabad, November 23, 1972

Caitanya Mahāprabhu ahyɛ nkɔm se: Nkurow akɛse ne nkumaa a ɛwɔ ewiase nyinaa, Hare Kṛṣṇa mpaebɔ yi anaa Lord Caitanya din bɛtrɛw akɔ aman aman so, wɔbɛtonton edin yi wɔ baabiara, Eyi rekɔ so. Wɔde Hare Kṛṣṇa som yi rekɔ aman aman so ewiase afanan nyinaa. Caitanya Mahāprabhu de saa asɛm yi too Indiafo nyinaa anim nanso.., W'anka se Bengali fo nkutoo, efisɛ wɔwoo no wɔ Bengali fo asaase so. Ose, bhārata-bhūmite manuṣya-janma haila yāra (CC Adi 9.41). Obi biara a w'awo no onipa wɔ Bhāratavarṣa asase yi so no, Ommɔ abrabɔ a ɛfata." Janma sārthaka kari'. Sɛ w'anni kan ammɔ abrabɔ pa a, Wontumi nndi asɛm yi ho adanse, Sɛ m'abrabɔ anni mu a, Mentumi nka Nhyamsɛm. Ɛsɛ sɛ onipa bɔ bra pa. Eyi nnyɛ den. Yɛwɔ adikanfo, sunsum mu akukudam, ɛne Awurade, Kṛṣṇa, ankasa wɔ yɛn akyi.

Enti ɛnnyɛ den sɛ mobɛbo bra pa. Yɛn anni mmeree ye. Eyi ne yɛn haw. Mandāḥ sumanda-matayo manda-bhāgyāḥ (SB 1.1.10). Esiane sɛ yɛy manda, manda-mataḥ no nti, y'akodi nimdeɛ hunu bi akyi, na yɛsɛe yen bere. Ɛsɛ sɛ yesua nokware no fi śāstra no mu. Eyi na ɛbɛma y'ayɛ nimdeɛfo.Su-medhasaḥ. Yajñaiḥ saṅkīrtana-prāyair yajanti hi su-medhasaḥ (SB 11.5.32). Eyi yɛ ɔkwan tiawa. Nimdeɛfo bɛfa saṅkīrtana kuw yi so atu mpɔn wɔ sunsum mu. Ɛyɛ nokware, enti mon gyaa mu koraa. Monfa Hare Kṛṣṇa mpae yi nnyɛ mo kra ne nkwa, na baabiara... Niyamitaḥ smaraṇe na kālaḥ. Mmara biara enni ho, Sɛ "Mo bɛbɔ mpae yi saa bere yi anaa sa beae yi." Daabi. Esiane sɛ wɔde abrɛ akra a w'ahwehwe ase no nti, mmara fenenkyemm biara enni ho. Nāmnām akāri bahudhā nija-sarva-śaktis tatrārpitā niyamitaḥ smaraṇe na kālaḥ. Edin, Kṛṣṇa din kronkron yi, tumi wɔ mu tesɛ Kṛṣṇa ankasa. Nsonsonoe biara ɛnda Kṛṣṇa ɛne ne din mu. Kṛṣṇa di mu ade nyinaa mu. Enti nsonsonoe enni Kṛṣṇa din, ɛne ne honam ntam. Kṛṣṇa bɔbre,Kṛṣṇa ayɔnkofo,Kṛṣṇa abrabɔ, efi Kṛṣṇa. Ne nyinaa yɛ Kṛṣṇa. Sɛ wote Kṛṣṇa ho nsɛm a, hu sɛ w'afa w'aso so ne Kṛṣṇa adi nkitaho. Sɛ wohu Kṛṣṇa n'ahoni (Deity) a, ɛkyerɛ sɛ w'ahu Kṛṣṇa. Esiane sɛ Kṛṣṇa di mu. Ɔnam akwan ahorow so na obegye w'afɔre. Efisɛ Ɔyɛ biribiara. Īśāvāsyam idaṁ sarvam (ISO 1). N'a hoɔden. Parasya brahmaṇaḥ śaktis tathedam akhilaṁ jagat. Biribiara ye Kṛṣṇa ahoɔden. Enti sɛ yɛde yɛn nimdeɛ ne Kṛṣṇa di nkitaho a, ɛte sɛ y'ahyia Kṛṣṇa mpu ne mpu. Eyi ne ɔkwan no. Sɛ bere biara wone Kṛṣṇa edi nkitaho no, eyi ne Kṛṣṇa som no. Eyi bɛma woho atew. Ahotew. Ete sɛ nea wode dade ahyɛ ogya mu no, ɛdɔ na ayɛ hyew, na afei de ayɛ sɛ ogya. Sɛ ɛdɔ hyerehyerew a ɛnnyɛ dade bio, ɛyɛ ogya. Saa ara na wo ne Kṛṣṇa edi nkitaho dabiara a Kṛṣṇa ka wo hyew. Eyi ne ɔkwan no. Na biribiara ho atew. Eyi bɛma wo susnum mu abrabɔ ada adi. Na wo bra ayɛ nkɔso.