AK/Prabhupada 0066 - Momma yennye Kṛṣṇa n'apɛde so pene



Lecture on BG 16.4 -- Hawaii, January 30, 1975

Ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yɛbɛ yɛ Awurade n'asomfo. anaase, yɛbɛyɛ mmonsamfo. Eyi yɛ me pɛ. Kṛṣṇa se,"Gyae saa mbonsamsem yi na som me." Eyi ne Kṛṣṇa ne pɛ. Nanso sɛ wone Kṛṣṇa nnyɛ adwene Sɛ wo pɛ sɛ wogye w'ani de a, ɛno nso Kṛṣṇa pɛ, Ɔbɛ ma wo nea ehia nyinaa. nanso eyi nnye. Momma yenpene Kṛṣṇa ne pɛ no so. Enni sɛ yɛma yɛn pɛ no ennyin. Eyi, wɔfrɛ no tapasya, Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn pɛ bɔ afɔre. Eyi ne afɔre no. Kṛṣṇa ne pɛ nkutoo na yennye nto mu. Eyi ne Bhagavad-gītā nhyɛ. Arjuna's ampɛ sɛ ɔbɛ ko. Nanso Kṛṣṇa ne pɛ ne sɛ ɔbɛ ko. Ɛbɔ abira. Ewiei akyi no Arjuna penee so maa Kṛṣṇa: "Yiw," kariṣye vacanaṁ tava (BG 18.73): "Yiw, mɛyɛ W'apɛde ama wo." Eyi ne bhakti no. Ɛsono bhakti na ɛsono karma. Karma kyerɛ sɛ mɛyɛ nea me pɛ, ɛna bhakti kyerɛ sɛ mɛyɛ nea Kṛṣṇa pɛ. Eyi ne nsonsonoe a ɛda mu. Enti, fa nea wopɛ. Sɛ wopɛ sɛ wo yɛ nea wopɛ anaasɛ, wo yɛ nea Kṛṣṇa pɛ. Sɛ wo si gyinae sɛ wobɛyɛ Kṛṣṇa ne pɛ de a, wo bra besi wo yiye. Eyi ne Kṛṣṇa som abrabɔ no. "Kṛṣṇa pɛ no saa, ɛsɛ sɛ meyɛ. Mennyɛ biribiara mma me ho." Eyi ne Vṛndāvana no. Nnipa dɔm a wɔwɔ Vṛndāvana no nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ Kṛṣṇa n'apɛde. Ne nnamfo a wɔde anantwi kɔ adidi, anantwi no ne wɔn mma, nnua, nhwiren nsu, gopīs (mmabaa), mpanyimfo, Mama Yaśodā, Nanda, wɔn nyinaa yɛ Kṛṣṇa n'apɛde. Eyi ne Vṛndāvana no. Enti wobetumi adan ewiase yi de ayɛ Vṛndāvana nea ehia ara ne sɛ wobesi apini sɛ wobɛyɛ Kṛṣṇa ne pɛ. Eyi ne Vṛndāvana no. Na sɛ wo pɛ sɛ wo yɛ w'apɛde a, eyi yɛ honam fam ade. Eyi ne nsonsonoe a ɛda honam fam ne honhom fam nneɛma mu.