AK/Prabhupada 0067 - Gosvami fo no wɔnna mmoro dɔnhwerew abien



Lecture on SB 1.16.26-30 -- Hawaii, January 23, 1974

Enti Kṛṣṇa som no ɛrekɔ n'anim Esiane Śrī Caitanya Mahāprabhu ne mmɔborɔhunu . ma adasamma a wɔrebrɛ wɔ Kali-yuga bere yi mu. Annyɛ saa a ɛyɛ den sɛ wobedi Kṛṣṇa som mu mmara no so. Enti wɔn a Śrī Caitanya Mahāprabhu ahummɔborɔ nti w'adɔm Kṛṣṇa som yi no, wonso mu yiye. Annyɛ saa a ɛbɛyɛ ɔhaw. Monnyina pintinn. Monhwe ase. Ɛbɛyɛ den sɛ mobɛsɔre. Mommɔ Hare Kṛṣṇa mpae yi, ɛnnyɛ daa, dɔnhwerew aduonu anan, Caitanya Mahāprabhu akamfo sɛ, kīrtanīyaḥ sadā hariḥ (CC Adi 17.31), Mommɔ mpae daa. Eyi ne nnyinasosɛm no. Nanso, esiane ɔhyɛ a Kali bere yi hyɛ yɛn so nti yentumi nnyɛ sa. Enti, annyɛ koraa no de, mpɛn dunsia. Momma eyi nyɛ moahiasɛm . ɛnnyɛ den, mpɛn dunsia? Akyɛ koraa ne dɔnhwerew abien, w'awie. Wo wɔ dɔnhwerew aduonu anan. Wo pɛ sɛ woda; eye, wobɛtumi ada dɔnherew du. Nanso eyi remmoa. Monnna mmoro dɔnhwerew asia. Nanso wɔpɛsɛ wɔda. Wɔpɛ sɛ wɔda dɔnhwerew aduonu-anan. Eyi ne wɔn pɛ wɔ Kali bere yi mu. Nanso, daabi. Wo bɛ sɛe bere. Munsusuw adidi, nda, awaresɛm ne banbɔ. Sɛ mogyae koraa a anka eye. Efisɛ eyi nyinaa yɛ ɔhonam mu ahia de. adidi, nna, awaresɛm ne banbɔ ehia ma ɔhonam yi. Nanso,me nnyɛ honam yi. Dehino 'smin yathā dehe kaumāram... (BG 2.13). Enti, saa ntease yi bedi mmere kakra. Nanso, sɛ yetumpɔn wɔ Kṛṣṇa som mu a, ɛsɛ sɛ yehu y'asɛde. Nda mmoro dɔnhwerew asia. Aboro so ne dɔnhwerew awotwe. Eyi yɛ wɔn a wontumu nhyɛ wɔn ho so. Nanso dɔnhwerew du, dummien ne dunum de, daabi. Na mfaso bɛn na....? Obi kɔsraa ɔsomfo bi, na nɔn koron bɔe no na ɔre da Na ɔyɛ ɔsomfo. Eh? ɛnnyɛ sa? Enti.....? Ɔsomfo bɛn ni? Ɛsɛ sɛ ɔsomfo biara sɔre anɔpa nnɔnan. Ɛbɛbɛ nnɔn num no, na w'aguare asiesie ne ho. Na wa bɔ mpae ne nea ɛka ho....... Adwuma bebree wɔ hɔ a ɛsɛsɛ wodi dɔnhwerew aduonu anan no. Enti, nna bebree nnye Gosvāmī fo no da nnɔnhwerew abien pɛ. Me nso, me kyerɛw nhoma anadwo, me nna mboro dɔnhwerew abiesa. Berebi wɔ hɔ me da kakra ka ho. Me nsua Gosvāmī fo no. Ɛyɛ den. Nanaso obiara mmɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛtew so. Wo tew nna so a ɛkyerɛ sɛ wobɛtew w'adidi nso so, na w'atumi.... Adidi, nna. Wo didi wie a, nna na ɛtoa so. Enti wodidi bebree a, woda bebree. Wotew w'adidi so a, wobɛtew wo nna so Adidi, nna, awaresɛm. Ɛsɛsɛ mogyae aguaman Mmara sɛm yi ho hia. Ɛsɛ sɛ motew aware mu nna so koraa. Enti, mmara yi wɔ hɔ, "Monnyae aguamanbɔ." Ɛnnyɛ sɛ y'abra aware mu nna koraa, " Yɛrentumi. "Obiara rennyɛ saa Enti nda kyerɛ sɛ mo aware, ɔdanma kakraa wɔ ha. Ɔdanma, " Eye,....Nanso sɛ ɛsɛ moyɛ awarefo. Annyɛ sa worentumi Enti, adidi, nna, aware mu nna ɛne banbɔ Ɛna banbɔ, yɛbɔ yɛnho ban akwan bebree so nanso, ɔko daso wɔhɔ. Ɛna ɔhonam fam nneɛma nso hyɛ yɛn so... Mo kurow yi mobɔ moho ban yiye, nanso, sɛ moannya fam nnwo (petrol) a montumi mmɔ moho ban. Saa ara, mobɛtumi ahwere biribiara bere tiawa mu. Enti, monfa moho nto Kṛṣṇa so. Ɔno na ɔbɔ ban. Avaśya rakṣibe kṛṣṇa. Ɛne sɛ mobegyaa mo ho ama no Ahobrɛase, kyerɛ sɛ...Kṛṣṇa se, "Mongyaa mo ho mma Me, "sarva-dharmān parityajya (BG 18.66). Momma yennye nto mu sɛ "Kṛṣṇa se yɛnnyaa yɛn ho mma no. Ma mengyaa me ho mma no. Ɔbɛbɔ me ho ban asiane mu." Eyi ne sɛ w'agyaa wo ho.