AK/Prabhupada 0112 - A Thing is Judged by the Result



Television Interview -- July 29, 1971, Gainesville

Asɛmbisani: Me wura, wobae kurow mu ha afe 1965, sɛnea m'adi kan aka no, Wo kyerɛkyerɛfo panyin na ɔhyɛɛ wo sɛ bra. Hena ne wo kyerɛkyerɛfo yi?

Prabhupada: Me Kyerɛkyerɛfo no din de Om Visnupada Paramahamsa Bhaktisiddhanta Sarasvati Gosvami Prabhupada.

Asɛmbisani: Wɔ saa mere santen adedi a y'adikan aka ho asɛm yi ne farebae ne Krsna ankasa meboa? so wo kyerɛkyerɛfo na odii ade ansa na adu wo so yi?

Prabhupada: Yiw. Ade di yi fitii ase wɔ Krsna hɔ mfe mpem anum ni

Asɛmbisani: So w'ɔkyerɛkyerɛfo da so te ase anaa? Ofii mu afe 1936 mu.

Asɛmbisani: Enti nea wopɛ akyerɛ ne sɛ saa bere yi wo ne asɔre yi ti meboa?

Prabhupada: Mewɔ asuafo bi ka me ho nanso, méɔkyerɛkyerɛfo hyɛɛ me ketee fi mfitiase no sɛ me nni saa dwuma yi. Enti me bɔ me ho mmɔden sɛ medi m'ɔkyerɛkyerɛfo n'asɛm so, Ɛno are nen.

Asɛmbisani: Enti wɔsomaa wo sɛ bra Amerika kurow yi mu meboa anaa?

Prabhupada: Nea ɔka kyerɛɛ me ne sɛ menkɔ ka nsɛm pa no nkyerɛ nnipa a wɔte brɔfo."

Asɛmbisani: ka kyerɛ nnipa a wɔte brɔfo.

Prabhupada: Yiw. Ne titiriw enyiresi aburokyiri ewiase atɔe. Yiw, asɛm a ɔka kyerɛɛ me nen.

Asɛmbisani: Bere a wodii kan bae kuromu ha mfe bɛyɛ dunum ana dunsia ntam na wo fii ase...

Prabhupada: Daabi, daabi, ɛnnyɛ mfe dunnum ana dunsia.

Asɛmbisani: mesrɛ wo mfe anum ana asia ntam ni. Wo baa ewiase atɔe ha no s'amma ewiase fa bi a anyamesɛm ho yɛ na, w'ahu nea mekyerɛ no. Wɔ Amerika kurow mu ha no yɛwɔ nsɔre ahorow bebree, na megyedi sɛ kurow mu ha manfo wɔ gyedi nnipa dɔm no ara yɛ nipa a wosuro Awurade, wogye Awurade di, kwan bi so no wogye Nyame bi di Adwene bɛn na wonyaa faa yɛn ho? Dɛn na wosusuw sɛ wode bɛka nea yɛwɔ dedaw no ho? sɛ w'aba kurow mu ha sɛ wode wo nkyerɛkyerɛ bɛka ho anaa?

Prabhupada: Yiw. Mebae mo kurow mo ha no medii kan kɔ soɛ wɔ m'adamfo India ni bi fi wɔ Butler.

Asɛmbisani: Wɔ Pennsylvania.

Prabhupada: Pennsylvania. Yiw. Enti ɛwɔmu sɛ ɛyɛ kurow ketewa de nanso ɛyɛ me anigye sɛ mehuu nsɔre bebree wɔ hɔ.

Asɛmbisani: Asɔre bebree, Yiw. Yiw.

Prabhupada: Yiw. Nsoɔre bebree M'adamfo no hyehyɛe ma mekɔ kasaa wɔ nsoɔre yi bebree mu. Enti ɛnnyɛ me botae sɛ mebɛ bunkam afa Anyamesom ho nhyehyɛe a ɛwɔ ha no so. Eyi nnyɛ me botae. Yɛn botae, Awurade Caitanya botae ni sɛ ɔbɛkyerɛ obiara kwan a wɔfa so som Nyame. Ɛno ara nen.

Asɛmbisani: Mewura memmisa wo, saa bere no na w'adwene kyerɛ so dɛn na mprenpren nso w'adwene kyerɛ wo dɛn? sɛ Nyame dɔ ho nkyerɛkyerɛ a woreyɛ yi ɛyɛ soronko ana mpo ɛyɛ papa kyɛn yɛn de yi ɛyɛ papa kyɛn Nyame dɔ ho nkyerɛkyerɛ a ɛkɔso wɔ yɛn man mu ha na mpo w'akyerɛkyerɛ wɛ ewiase atɔe firi tete?

Prabhupada: Ɛyɛ nokware. Efisɛ yedi Awurade Caitanya anamɔn akyi. Yehi No sɛ...yegye tomu sɛ- sɛnea Vedic kyerɛw kronkron no se no - Ɔyɛ Krsna ankasa.

Asɛmbisani: Awurade bɛn nen?

Prabhupada: Awurade Caitanya.

Asɛmbisani: Oh yiw. Ɔno na ɔbaa mfe ahanum a abɛsen wɔ India man mu no anaa?

Prabhupada: Yiw. Enti Ɔyɛ Krsna Ankasa, na ɔkyerɛ ɔkwan a wɔfa so dɔ Krsna. Enti n'akwankyerɛ no yɛ soronko. Ɛtesɛ woyɛ ɔbenfo wɔ w'adwuma yi mu. Sɛ obi reyɛ biribi, na wo ankasa wokyerɛ no a, "Yɛ no sɛ a," eyi yɛ soronko. Enti Nyamesom, Nyame ankasa na ɔkyerɛ. Ɛte sɛ Bhagavad-gita, Krsna ne Awurade, Ɔkasa afa Ne ho. Na n'asɛm a ɔkaa twa to koraa ne sɛ, "Brɛ woho ase kɛkɛ ma Me. Mɛhwɛ wo so." Nanso nipa nte ase. Enti Awurade Caitanya - Krsna bae bio sɛ Awurade Caitanya, sɛ ɔbɛkyerɛ nipa ɔkwan a wɔbɛfa so any ahobrɛase. Na esian sɛ yedi Awurade Caitanya anamɔ akyi no nti. nkyerɛkyerɛ no yɛ soronko koraa. mpo ahɛhow a wonnim Krsna mpo rekotow no. Nkyerɛkyerɛ no yɛ soronko. Eyi ne me botae. Yɛnka se "Saa som yi ye sen ɔsom yi," anaa, "Me nkyerɛkyerɛ yii na eye." Yɛpɛsɛ nsunsuanso no di adanse. Sanskrit kasa mu no wɔka nsɛm bi, phalena pariciyate. Ade biara ne nsunsuanso na edi ho adanse.

Asɛmbisani: Ade biara ne nsunsuanso na....?

Prabhupada: edi ho adanse.

Asɛmbisani: Oh yiw.

Prabhupada: Meetumi aka se me de na eye. Wo nso wobetumi aka se wode na eye nanso, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nsunsuanso na ansa na yɛbua. Eyi ne...Bhagavad-gita kyerɛ sɛ, Nkyerɛkyerɛ biara a ɛkyerɛ adasamma ɔkwan a obi bɛfa so adɔ Awurade no, ɛno ne nkyerɛkyerɛ pa.