AK/Prabhupada 0113 - It is Very Difficult to Control the Tongue



Lecture on SB 5.6.2 -- Vrndavana, November 24, 1976

Enti Raghunātha dāsa Gosvāmī dii soo pɛpɛɛpɛ, Saa ara na Caitanya Mahāprabhu nso dii so pɛpɛɛpɛ, Rūpa-Sanātana Gosvām nso dii so pɛpɛɛpɛ Ɛnnya sɛ obi te Vṛndāvana afura ntama sin bi nti na w'adan Rūpa Gosvāmī... Rūpa Gosvāmī yɛɛ adwuma den ne bra nyinaa Nānā-śāstra-vicāraṇaika-nipuṇau sad-dharma-saṁsthāpakau lokānāṁ hita-kāriṇau. Wɔte Vṛndāvana nanso berebiara wɔ dwene ɔkwan a wɔbɛfa so asom nipa ne ewiase yi. Ɛte se Prahlāda Mahārāja. Śoce tato vimukha-cetasa. Sādhu botae ara ne sɛ ɔbɛdwene nipa a ewiase afura wɔn ani no ho. Wɔredwene ɔkwan a wɔbɛfa so ayi wɔn afi wɔn brɛ mu Oyi ne sādhu no. Lokānāṁ hita-kāriṇau. Sādhu, ɛnnyɛ ataade a mefura no na ɛkyerɛ sɛ meyɛ Sādhu. Na ahunu mmɔbɔ nti nipa akyɛ me roti, na m'adi ada." Eyi nnyɛ Sādhu. Sādhu...Bhagavān, Kṛṣṇa, akyerɛ nea ɔyɛ sādhu. Api cet su-durācāro bhajate mām ananya-bhāk sādhur eva sa mantavyaḥ (BG 9.30). Oyi ne sādhu. Nea ɔde ne nkwa ato hɔ ama Kṛṣṇa, ɔno ne sādhu. Sɛ mpo ɔwɔ suban bɔne bi a... Suban bɔne, sādhu nni suban bɔne, efi sɛ obi yɛ sādhu a, sɛ mfitiase no ɔwɔ suban bɔne bi mpo a, ɔbɛsesa. Śaṣvad bhavati dharmātmā. Kṣipraṁ bhavati dharmātmā śaśvac-chāntiṁ nigacchati. Sɛ ɔyɛ sadhu ampa de a, ne suban bɔne nyinaa bɛkɔ ntɛm pa ara, ɛnnyɛ sɛ ɔyɛ sādhu na ɔkɔso yɛ bɔne. Daabi. Eyi nnyɛ sādhu. Ebia, bere bi a atwa mu no na ɔwɔ suban bɔne bi. Wotumi de kyɛ no. Nanso, sɛ sādhu yi kɔso di bɔne de a, na ɔyɛ osisifo. Ɔnnyɛ sādhu.Api cet su-durācāro. Cet, yadi, sɛ ɔnhyɛda, etumi ba no saa. Nanso, sɛ ɔkɔso som Kṛṣṇa a, na kṣipraṁ bhavati dharmātmā śaśvac-chāntiṁ nigacchati. Mfitiase no ɔbɛfom, nanso ɛsɛsɛ yɛhwɛ sɛ, "so magyae me bɔne yi ana?" Ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho so. Nnye adwene yi ndi. Eyi ne asɛnhia a ɛwɔ ha. Nnye adwene yi nni. Me Guru Mahārāja asɛm a ɔtaa ka ne sɛ "sɛ woda na wo sɔre a, fa wo mpaboa fa boro w'adwene mpɛn ɔha. Eyi ne wo botae a edi kan Sɛ wokɔda a , fa ɔprae dua boro w'adwene mpɛn ɔha. Eyi bɛma w'adi w'adwene so. Annyɛ sa a ɛbɛyɛ den." Enti, eyi yɛ...

Sɛ wobɛboro w'adwene yi nso yɛ nhyɛso foforo bi. Mmarima bi tesɛ yɛn a yentumi ndi yɛn adwene so yi, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ yɛn ho so, na yɛde ɔprae ne mpabpa boro yɛn adwene. Na y'atumi adi so Nea Swami kyerɛ nea odi n'adwene so Vāco-vegam, krodha-vegam, udara-vegam, upastha-vegam, manasa-vegam, krodha-vegam, etān vegān yo viṣaheta dhīraḥ pṛthivīṁ sa śiṣyāt (NOI 1). Eyi yɛ asɛnhia a Rūpa Gosvāmī aka ato hɔ. Sɛ yebetumi adi so vāco-vegam... Eyi ne krandana-vegam. (serew). Wontumi nni so. Wontumi ndi so. Enti wɔyɛ mmɔfra. Abɔfra yɛ bɔne a, wɔde kyɛ no, na mmom nea otu sunsum mu anamɔn pa de, sɛ w'anni n'adwene so a, ennye koraa. Na asɛe koraa. Ɛsɛ sɛ yedi so. Vaco-vegam, krodha-vegam, udara-vegam, upastha vegam. Nanso nea ehia ne udara-vegam ne jihvā-vegam. Jihvā-vegam, w'adi so korakora. Bhaktivinoda Ṭhākura se atenka no nyinaa wɔ hɔ, nanso ne nyinaa mu no, saa jihvā yi ne ho yɛ ahometew." Tā'ra madhye jihvā ati lobhamoy sudurmati tā'ke jetā kaṭhina saṁsāre. Ɛyɛ den yiye sɛ yɛbedi kɛkrɛma yi ao.