AK/Prabhupada 0118 - Preaching is Not Very Difficult Thing



Lecture on SB 1.5.8-9 -- New Vrindaban, May 24, 1969

Obi biara a ɔbrɛ ne ho ase ma Kṛṣṇa, anaa Awurade no, ne ti ayɛ yie Bahūnāṁ janmanām ante jñānavān māṁ prapadyate (BG 7.19). Nea ɔbrɛ ne ho ase no, ɔyɛ nipa soronko. Ɔkyɛn abenfo, yoga fo ne karmīfo nyinaa Nipa nyinaa mu okunini ne nea ɔbrɛ ne ho ase. Enti eyi yɛ kokoamu sɛm Enti yɛn nkyerɛkyerɛ, wɔ Kṛṣṇa kuw yi mu no botae ne sɛ yɛbɛda Bhagavad-gītā adi sɛnea ɛte. eyi kyerɛ ɔkwan a wɔnam so nya ahobrɛase ma Kṛṣṇa, anaa Awurade. Ɛno ara nen. Enti, Kṛṣṇa se eyi yɛ kokoamu sɛm......Obiara rennye nto mu Nanso nea ɔbɛ di ne tirim agye ato mu no, "Mesrɛ, brɛ woho ase..." Yenim sɛ mpɛn bebree nnipa abɔnefo tu hyɛ nsɛmpakafo so tane wɔn ani. Ɛtesɛ, Nityānanda Prabhu a Jagāi ne Mādhāi tu hyɛɛ wɔn so no. Bio, Awurade Yesu Kristo nso wɔbɔɔ n'asɛndua mu, kum no... Enti asɛmpakafo biara nda ne ho so. Enti Kṛṣṇa se, " Asɛmpakafo a wɔbɔ Bhagavad-gītā sɛnea ɛte yi ho dawuru no, wɔda Me koma so yiye. Me dɔ wɔn yiye. " Na ca tasmān manuṣyeṣu kaścin me priya-kṛttamaḥ (BG 18.69). Obi biara enni hɔ a medɔ no kyɛn nea odi Me ho adanse kyerɛ adasa mma."

Enti sɛ yɛpɛ sɛ yɛma Kṛṣṇa ani gye a, ɛsɛ sɛ yetu saa anamɔn yi Kṛṣṇa, guru. Me kyerɛkyerɛfo panyin tuu saa anamɔn yi, sɛ obedi Me ho adanse Na ɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnso yɛbɛ ka nsɛm pa np. Saa ara na yɛn nso yɛkamfo ma mo sɛ mo bɛ bɔ asɛm no ho dawuro. Enti saa adansedi yi, nea me kyerɛ ne sɛ, sɛ y'annyɛ no yie a, Fa no sɛ m'ansua ade ankɔ akyiri. Ɛte sɛ abarimaa yi. Sɛ mesoma no asɛnka a, mprenpren, onni nimdeɛ no Ɔnnyɛ ɔbenfo. Nanso ɔno nso obetumi aka asɛm pa no Obetumi aka asɛm no. Esiane sɛ, yɛn adansedi no nnyɛ ade a ɛyɛ den Yɛnkɔ afi afi mu na yɛnsrɛ nipa, "Medɔfo, bɔ Hare Kṛṣṇa mpae yi. Sɛ n'adwene mu dɔ kakraa a, " Mesrɛ sɛ kenkan Awurade Caitanya nkyerɛkyerɛ no. Eye paa. Wobenya ho mfaso." Saa nsɛm abieɛsa anaa anan yi bɛmɛ w'ayɛ ɔsɛnka ni. So eyi yɛ den anaa? Ebia wonnyɛ homanimfo mapa, ɔbenfo Woetumi aka se, ...Kɔ afi afi mu. "Mewura, woyɛ onimdefo. Mprenpren de, gyae w'adesua no. To Hare Kṛṣṇa."