AK/Prabhupada 0131 - It is Quite Natural to Surrender to Father



Lecture on BG 7.11-16 -- New York, October 7, 1966

Saa adambɔ yi, saa tirimpɔw yi, saa ndaadaa sɛm a ɛwɔ ewiase yi mu yi, ɛyɛ den sɛ nipa bebunkam afa so Ɛyɛ den yiye Nanso, Awurade Kṛṣṇa se, mām eva ye prapadyante māyām etāṁ taranti te (BG 7.14). Obiara a ofi ne pq mu ana, ɔbrɛ ne amane a ɛwɔ abrabɔ yi mu ɔbɛte ase no, sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma Kṛṣṇa a, " Medɔfo Kṛṣṇa, mewerɛ afi wo mere santen bebree. Afei m'anya ntease sɛ Wo ne m'agya, wone me banfɔfo, mebrɛ meho ase mema wo." Ɛtesɛ abɔfra a w'ayera na ɔkɔ n'agya nkyɛn, "M'agya pa, ɛyɛ m'asoɔden na ama m'afi wo nkyɛn, nanso m'ahu amane. Afei m'aba wo nkyɛn. "Agya no yɛ no atuu, "Me ba, bra. M'adwene wo ho nna yi nyinaa. Oh, ɛyɛ me anigye sɛ w'asan aba." Agya no yɛm ye. Enti saa tebea no mu ara na yɛwɔ. Sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma Awurade a... Ɛnnyɛ den. Sɛ ɔba brɛ ne ho ase ma n'agya a den na ɛyɛ den wɔ eyi ho? So wogye di sɛ ɛyɛ den? Abɔfra brɛ ne ho ase ma n'agya. Ɛnnyɛ nwonwa. Ɔyaw biara enni mu. Bere biara agya yɛ ɔpanyin. Enti sɛ me kotow m'agya kɔ n'anan ase a, ɛyɛ anuonyam hyɛ. Ɛyɛ me aho hoahoa. Ɔyaw biara enni mu. Ɛnnhyɛ den. Adɛn nti na yɛnkotow Kṛṣṇa?

Enti eyi ne akwan kyerɛ no. Mām eva ye prapadyante. "Akra yi a w'ayera yi nyinaa, sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase ma me a," māyām etāṁ taranti te (BG 7.14), "ne kɔdaanda nyinaa to atwa." Ɔbɛhyɛ agya no banbɔ ase Wɔ Bhagavad-gītā awiei no wobehu " ahaṁ tvāṁ sarva-pāpebhyo mokṣayiṣyāmi mā śucaḥ (BG 18.66). Sɛ agya no....Sɛ abɔfra nom ne na nufu a, ɔbɔ ne ho ban Sɛ ɔhaw bi ba a, ɛna no bedi kan de ne nkwa ato hɔ ama abɔfra no ansa wadwene abɔfra no nkwa ho Saa ara, sɛ yegye banbɔ fi Awurade Hɔ a. ehu biara enni hɔ