AK/Prabhupada 0132 - Classless Society is Useless Society



Lecture on BG 7.1 -- Hyderabad, April 27, 1974

Enti Bhagavad-gītā mu na ,nipa haw nyinaa ano aduru wo Cātur-varṇyaṁ mayā sṛṣṭaṁ guṇa-karma-vibhāgaśaḥ (BG 4.13). Gyesɛ wo kyɛ nipa dɔm mu anan, brāhmaṇa, kṣatriya, vaiśya and śūdra... Ɛsɛ sɛ wo kyɛ mu. Wontumi nka sɛ "nkekyɛmu nni mu." Ɛno yɛ nipakuw a mfaso enni so. Nipa kow a wɔnkyekyɛmu ho nni mfaso. Ɛsɛ sɛ nipa kuw bi wɔ hɔ anwɔwɔ nimdeɛ na w'apɔw." Nipa kuw yi yɛ brāhmaṇa. Cātur-varṇyaṁ mayā sṛṣṭaṁ guṇa-karma... (BG 4.13). Sɛ nipa ɛnnya nhwɛso pa amfi nipa a wɔapɔw hɔ a ɛbɛyɛ dɛn na wɔadi mmara so? Yad yad ācarati śreṣṭhaḥ, lokas tad anuvartate (BG 3.21). yɛde onipa adwene bɛyɛ susuwdua ama brāhmaṇa Sɛ adwene no enni hɔ a, mfaso bɛn na ɛwɔ nsa ne nan so? Sɛ onipa adwene ho aka a, ontumi nnyɛ hwee. Enti mprenpren yi, esiane sɛ brahmanafo ho akɔ wɛn wɔ nipa kuw mu nti... Eyi nkyerɛ sɛ.....Brāhmaṇa nnyɛ Indiafo ana Hindufo nko amammerɛ Wɔ nipa kuw nyinaa mu no, Kṛṣṇa anka wɔ baabiara da sɛ cātur-varṇyaṁ mayā sṛṣṭam (BG 4.13) yɛ Indiafo ana Hindufo nko amamerɛ. Ɛsɛ sɛ nipa kuw biara nya nimdefo sɛnea nipa dɔm benya nhwɛso bi di abɔ wɔn bra. Adwene, amansan adwene. Eyi ne Bhagavad-gītā nkyerɛkyerɛ. Wontumi nka sɛ "adwene enni hɔ nipa betumi atena." Fa no sɛ w'yi w'adwene afi wo nipadua mu ana w'atwa wo ti afi so, wawie. Sɛ adwene nni hɔ a dɔn na eti ne nan bɛyɛ? Enti mprenpren yi de adwene ho akɔ wɛn wo nipa kuw mu. Enti, basabasa yɛ na asi. Enti ehia sɛ sɛnea wɔaka wɔ Bhagavad-gītā mu no. Ɛsɛ sɛ nsakrae bi ba wɔ nipa kuw mu, sɛnea... Nimdefo wɔ hɔ de. ɛne akuw akuw ahorow a edidi so. Enti kuw a edi kan no de ɛsɛsɛ wɔyɛ brāhmaṇas, brāhmaṇasfo no, bio ɛsɛsɛ wɔyɛ Kṛṣṇa somfo. Sɛnea wɔbetumi ama nipa nyinaa akwankyerɛ pa a asɛm enni ho. Eyi ne Kṛṣṇa kuw no.

Enti, Kṛṣṇa akyerɛ sɛnea wobɛyɛ Kṛṣṇa somfo. Eyi kɔ ma brāhmaṇafo, ana nimdeɛfo kuw no. Kṛṣṇa akyerɛ mu. Dɛn? Mayy āsakta-manāḥ: " Twe adwene no bata Me, Kṛṣṇa." Eyi yɛ mfitiase. Ɔkwanbi so no, ɛsɛ yɛn sɛ.... Y'adwene da biribi foforo so. Yɛdi adwene no so a ɛnnyɛ yie. Nneɛma a yapa dɔɔso. Adwene no adwuma - sɛ ɛbɛ bata biribi ho. Enti, me gye biribi, me pow biribi. Eyi ne adwene no adwuma a ɔyɛ. Enti wontumi nnyɛ hwee, wontumi ntena a wompɛ hwee. Ɛnnyɛ dwuma. Yɛn nkyerɛkyerɛ no te sɛ ebi a ɛkeka ho no, wo se, " nnya atenka biara sɛ wopɛ biribi." Eyi nnyɛ nsusuwui pa. obiara nni hɔ a obetmu atena a ɔmpɛ hwee. Ɛnnyɛ adwuma. Sɛ mempɛ hwee a, na meyɛ funu. Funi mpɛ hwee. Enti eyi rennyɛ adwuma. Ɛsɛsɛ yɛtew nneɛma a yɛpɛ ho. Eyi ho hia. Tew atenka a wowɔ mɛ nneɛma no ho. Sarvopādhi-vinirmuktaṁ tat-paratvena nirmalam (CC Madhya 19.170). Wɔfrɛ eyi sɛ korɔgyee yɛ. Nirmalam. Tad-paratvena. Tat-paratvena ase kyerɛ ne sɛ, yɛ yɛ Nyame somfo, Kṛṣṇa som fo a atenka a yɛpɛ ma nneɛma a yɛpɛ no ho bɛtew.

Enti ɛsɛsɛ yedu mpɛnpɛnso bi a ɛnnyɛ sɛ yɛnnya akɔnnɔ mma biribiara na mmom yɛn kɔn bɛdɔ nea ɛho tew. Eyi na ehia. Enti w'akyerɛmu se, mayy āsakta-manāḥ: "Wontumi nsiw adwene no kwan sɛ obenya akɔnɔde, na mmom sɛ wobɛtwe w'adweneasi Me so." Eyi na ehia. Mayy āsakta-manāḥ pārtha. Eyi ne yoga akwankyerɛ no. Wɔfrɛ eyi sɛ Bhakti-yoga, ɛno ne yoga nyinaa ɔkandifo. W'akyerɛ eyi ase wɔ Bhagavad-gītā mu sɛ yoginām api sarveṣāṁ mad-gatenāntar-ātmanā (BG 6.47). Yoga, yoga mu ɔkandifo, yoginām api sarveṣām... "Yoga go ahorow, na nea w'agye saa bhakti-yoga yi ato mu no, ɔdwene me ho dabiara." hwɛ sɛ mmrante ne mmabaa yi, yekyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so adwene Kṛṣṇa ho, "Hare Kṛṣṇa, Hare Kṛṣṇa, Kṛṣṇa Kṛṣṇa, Hare Hare/ Hare Rāma, Hare Rāma, Rāma Rāma, Hare Hare." nti sɛ wokenkan Bhagavad-gītā na wose saa Hare Kṛṣṇa mpae yi a, amonomu hɔ ara wobesua nkyerɛkyerɛ no nyinaa, sɛnea wobɛtwe woho abata Kṛṣṇa Wɔfrɛ eyi se mayy āsakta-manāḥ. Mayy āsakta-manāḥ pārtha yogaṁ yuñjan, sɛ wobɛsua yoga....eyi ne bhakti -yoga no. Mad-āśrayaḥ. Mad-āśrayaḥ ase kyerɛ sɛ' wɔ M'akwankyerɛ ase," ana "Me banbɔ ase." Āśraya.