AK/Prabhupada 0155 - Everyone is Trying to Become God



Lecture on SB 7.6.5 -- Toronto, June 21, 1976

Afei, yehu nsɛmfua abiɛsa wɔ Bhagavad-gītā mu. Sanātanaḥ, a asekyerɛ ne sɛ afebɔɔ. Nea edi kan ne sɛ jīva, akra ateasefo yi, w'akyerɛ ase sɛ wɔyɛ sanātanaḥ. Mamaivāṁśo jīva-bhūtaḥ jīva-loke sanātanaḥ (BG 15.7). Yɛyɛ akra ateasefo, sanātanaḥ. Ɛnnyɛ sɛ māyā na w'ahyɛ yɛn na y'adan jīva-bhūtaḥ. Yɛde yɛnho akɔhyɛ māyā ase enti yɛyɛ jīva-bhūtaḥ. Nokware ne sɛ yɛyɛ sanātana. Sanātana ase kyerɛ sɛ afebɔɔ. Nityo śāśvata W'akyerɛ Jivātmā ase: nityo śāśvato yaṁ na hanyate hanyamāne śarīre (BG 2.20). Eyi ne sanātana. Yɛn nimdeɛ sua, yɛte ase afebɔɔ, sanātana, awo ne owu enni hɔ ma ɔkra no. adɛn nti na wɔde me ahyɛ awo ne owu tebea yi mu? Eyi na wɔfrɛ no brahma-jijñāsā no. Nanso yenni nkyerɛkyerɛ. Nanso ɛsɛ sɛ yenyɛ nkyerɛkyerɛ. Annyɛ koraa no ɛsɛ sɛ yedi asɛm yi so. Yɛyɛ sanātana. W'aka ewiase foforo bi ho asɛm wɔ Bhagavad-gītā mu. paras tasmāt tu bhāvo 'nyo 'vyakto 'vyaktāt sanātanaḥ (BG 8.20). Vyakto 'vyaktāt sanātanaḥ Ewiase yi w'abɔ, na eyi ne farebae no ewiase tumi, mahāt-tattva. Ɛno de w'ammɔ. So vyakto 'vyaktāt. Eyi akyi no tebea foforo bi wzɔ hɔ, sanātana. Wɔfrɛ no sanātana. Paras tasmāt tu bhāvo 'nyo vyakto 'vyaktāt sanātanaḥ (BG 8.20). Ɛna jīva-bhūtaḥ-sanātana. Arjuna aka se Kṛṣṇa yɛ sanātana wɔ eti du baako no mu. Enti sanātana abiɛsa.

Sanātana abiɛsa Enti sɛ yɛn nyinaa yɛ sanātana a, sanātana wɔ hɔ na Kṛṣṇa yɛ sanātana enti yɛn nso yɛyɛ sanātana. Enti sɛ wɔka yɛn nyinaa bɔ mu a, wɔfrɛ no sanātana-dharma. Wonnim nea wɔfrɛ no sanātana. Ɛyɛ wɔn sɛ yɛn ataade hyɛ ne baabi a wɔwo yɛn no na ɛma yɛyɛ sanātana-dharma. Daabi. Obiara tumi yɛ sanātana-dharma. Nanso wonnim sanātana nkyerɛase. Ɔkra teasefo biara yɛ sanātana. Na Kṛṣṇa, Awurade nso yɛ sanātana. Na baabi wɔ hɔ a yɛn nyinaa betumi ahyia - ɛno ne sanātana dhāma. Sanātana dhāma, sanātana-bhakti, sanātana-dharma. Sɛ edi mu a wɔfrɛ no sanātana-dharma. Enti dɛn ne saa sanātana-dharma yi? Fa no sɛ m'asan akɛ saa sanātana-dharma beae yi na Awurade wɔ hɔ, sanātana, na me nso meyɛ sanātana. Enti ɛdɛn ne yɛn sanātana adansedi? So eyi kyerɛ sɛ, yɛkɔ sanātana-dhāma a yɛbɛdan Awurade? Daabi. Won dan Awurade esiane sɛ Awurade yɛ baako. Ɔno ne Awurade, Owura ne agya na yɛyɛ nkoa. Caitanya Mahāprabhu: jīvera svarūpa haya nitya kṛṣṇa dāsa (CC Madhya 20.108-109). Aha de, yɛn nyinaa se yɛbɛdan Kṛṣṇa. Nanso sɛ yɛnho nteɛ a yentumi nkɔ sanātana-dhāma. Ɛhɔ na yɛsom Awurade afebɔɔ. Ɛno ne sanātana-dharma.

Enti mo ndi ho dwuma. Sanātana-dharma ase kyerɛ sɛ bhakti-yoga. Esiane sɛ yɛn werɛ afi nti. Obiara pɛ sɛ ɔyɛ Awurade. Sua ɔkwan a wobɛfa so ayɛ Awurade. Na wo sua wie a, nokware, sesei de wo yɛ... Nya awerɛhyɛmu sa woyɛ Awurade akoa, eyi ne bhakti-mārga. Sɛnea Caitanya Mahāprabhu aka no, gopī-bhartur pada-kamalayor dāsa-dāsa-dāsa-dāsānudāsaḥ. Sɛ wobɛyɛ Awurade n'akoa mu akoa. akoa mu akoa bɛyɛ mpɛn ɔha - saa na wobedi mu (CC Madhya 13.80). Nanso aha obiara pɛ sɛ ɔyɛ Awurade. Obi adan asɛm "so 'ham," "ahaṁ brahmāsmi" ama ayɛ "meyɛ Awurade." Nanso ɛnnyɛ nokware. Eyi yɛ Veda mu nsɛm enti 'ham' nkyerɛ sɛ 'Me yɛ Awurade'. Enti 'ham' kyerɛ sɛ "Mewɔ Awurade su bi." Efisɛ mamaivāṁśo jīva-bhūtaḥ (BG 15.7). Jīva yɛ Awurade ne fa bi, Kṛṣṇa, enti su no yɛ pɛ. Ɛte sɛ w'asaw nso kakra afi po mu no. Enti nneɛma a ɛwɔ po kɛse no mu ne nea ɛwɔ nea w'asaw no mu nyinaa yɛ pɛ. Eyi ne 'ham ana brahmāsmi. Ennye sɛ yɛbɛdan asɛm yi, Veda mu nsɛm yi na yɛdwene sɛ "Y'adan Awurade." Sɛ woyɛ Awurade a adɛn nɛ w'adan ɔkraman? Daabi. Ɛnnyɛ yie. Esiane sɛ yesua no nti. W'aka eyi nso wɔ śāstra mu:

keśāgra-śata-bhāgasya
śatadhā kalpitasya ca
jīvaḥ bhāgo sa vijñeya
sa anantyaya kalpate
(CC Madhya 19.140)

Yɛn sunsum mu tebea ne sɛ yesua tesɛ etiri nnwi mpem du mu nkyemu baako. esua yiye, mpem du mu nkyekyɛmu baako. Eyi ne yɛn debea. Na saa ade ketewaa yi hyɛ honam dua yi mu. Enti yebehu no wɔ he? Wonni afiri biara a wode bɛhwehwɛ saa ɔkra yi Enti na yese nirākāra. Daabi, nanso esua, ketewa bi. Yentumi mfa yɛn ani yi nhu. Enti ɛsɛ ssɛ yɛfa Veda so na yehu. Śāstra cakṣuṣa. Eyi ne Vedānta nnyinaso. Ɛsɛ sɛ yɛfa śāstra so ehu ade. Ɛnnyɛ yɛn ani yi a enhu hwee yi. Ɛnnyɛ yie.