AK/Prabhupada 0158 - Mother-killing Civilization



Lecture on SB 5.5.3 -- Stockholm, September 9, 1973

Nūnaṁ pramattaḥ kurute vikarma (SB 5.5.4). Vikarma ase kyerɛ sɛ nea wɔabra, amanenya sɛm. Nneɛma abiɛsa ho asɛm na yɛka wɔ ha: karma, vikarma, akarma. Karma kyerɛ sɛ nnwuma a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Eyi yɛ karma. Ɛte sɛ sva-karmaṇā. Bhagavad-gītā aka se: sva-karmaṇā tam abhyarcya (BG 18.46). Obiara wɔ dwuma bi di. Saa ntease yi wɔ he? Ɛsɛ sɛ ɛwɔ hɔ...Sɛnea bere bi a atwam mekae no, nipakuw nkyekyɛmu. Nimdeɛfo no ɛsɛ sɛ wɔtetew wɔn sɛ brāhmaṇafo. Wɔn a edi akyi, wɔn nimdeɛ wɔ fam kakra no wɔtetew wɔn sɛ amanyɔ fo. Wɔn a edi so bio a wɔn nimdeɛ wɔ fam no, wɔntetew wɔn sɔ aguadifo, akuafo ne nantwi hwɛfo. Nantwi ho banbɔ hia ma nipa mpuntu nanso saa asesaafo yi wonnim. Mpuntu ne nantwi kum. Hwɛ, asesaafo anibuei. Mma ɛnnyɛ wo nwonwa. Ɛyɛ śāstra. Momma ɛnnyɛ mo sɛ merekasa atia ewiase atɔe anibuei. Ɛyɛ śāstra na aka. Edi mu. Enti nipa ahorow bebree na wɔkasa fa nipa yiyeyɛ ne mpuntu ho nsɛm. Nanso wonnim sɛ ade biako a ehia wɔ nipa mpunto ho mn sɛ wɔbɛbɔ nantwi ho ban. Asesaa fo yi, wonnim. Ɛyɛ wɔn sɛ nantwi kum na eye. Ɛnte sa. Enti, kurute vikarma. Ɔdɛ kakra a tɛkrɛmɛ no pɛ nti. Nanso saa ɔdɛ yi yebetumi anya afi nufusu no mu. Nanso esiane sɛ wɔyɛ asesaafo, abɔdamfo nti ɛyɛ wɔn sɛ nantwi nam ne ne mogya no ye sen ne nufusu. Nufusu no nso yɛ nantwi ne mogya, obiara nim. Obiara nim. Ɛte sɛ onipa, ɛna, sɛ wɔwo abɔfra to hɔ a, amonomu hɔ ara... Ansa na wɔbɛwo abɔfra no, nufusu biara enni ɛna no nufu mu. Hwɛ. Ababaawa nufu, nufusu biara enni mu. Nanso sɛ ɔwo abɔfra pɛ ɛhɔ ara nufusu aba, amonomu hɔ ara. Eyi yɛ Awurade nhyehyɛe. Esiane nɛ abɔfra no hia aduan. Hwɛ sɛnea Awurade nhyehyɛe te. Nanso, yɛrepere sɛ yɛbetu mpɔn. Sɛ wɔwo abɔfra no a Awurade ayɛ ne mpuntu ho nhyehyɛe dedaw, a edi mu, sɛ ɛnɛ no anya nufusu... Eyi yɛ mpuntu. Enti nantwi na ɔma saa nufusu yi. Ɔyɛ ɛna, nanso saa asesaafo anibuei yi, wokum ɛna no. Ɛna kum anibuei. Woara hwɛ. Fit wo mmɔfra ase w'anum wo na nufusu saa ara Na wo na no nyin a ɛyɛ w'adwene sɛ "Ɛna ho enni mfaso. Twa ne ti," so eyi yɛ anibuei?