AK/Prabhupada 1058 - Lord Sri Krishna na ɔkaa Bhagavad-gita



660219-20 - Lecture BG Introduction - New York

Bhagavad-gita yi, Lord Śrī Kṛṣṇa ankasa na ɔkae. W'abɔ Ne din kratafa biara mu wɔ Bhagavad-gītā mu. sɛ Ɔno ne Bhagavān, ɔsoro ahenman wura. Ɛwɔmu sɛ, "bhagavān" yɛ edin a mpɛn bi wɔ hɔ a wɔde ma onipa bi ana anyame ba a wɔwɔ tumi nanso aha de bhagavān ne edin a yɛde frɛ Śrī Kṛṣṇa, okunini no yɛka no saa a na ɛsɛ sɛ yehu nso sɛ Śrī Kṛṣṇa, sɛnea ācāryafo no nyinaa adi ho adanse no... Nea mekyerɛ ne sɛ Śaṅkarācārya, Rāmānujācārya, Madhvācārya, mpo, Nimbārka Svāmī ne Śrī Caitanya Mahāprabhu ne dodow no ara a ɛkeka ho Wɔ India man mu no animdifo ne ācāryafo akukudam na wɔwɔ hɔ Mekyerɛ Veda nimdeɛ no mu akukudam. Eyinom nyinaa a, Śaṅkarācārya ka ho akamfo sɛ, Śrī Kṛṣṇa ne Ɔsoro nyinaa Agya. Awurade no nso aka ato gua saa ara. sɛ ɔno ne Ɔsoro Agya no wɔ Bhagavad-gītā mu. Brahmā-saṁhitā ne Purāṇa no nyinaa, titiriw Bhāgavata Purāṇa adi adanse: kṛṣṇas yɛ bhagavān ɔsoro nyinaa agya (SB 1.3.28). Enti ɛsɛ sɛ yegye Bhagavad-gītā to mu sɛnea Ɔsoro Agya no ankasa ada no adi no.

Awurade aka wɔ Bhagavad-gītā To anan mu sɛ:

imaṁ vivasvate yogaṁ
proktavān aham avyayam
vivasvān manave prāha
manur ikṣvākave 'bravīt
(BG 4.1)
evaṁ paramparā-prāptam
imaṁ rājarṣayo viduḥ
sa kāleneha mahatā
yogo naṣṭaḥ parantapa
(BG 4.2)
sa evāyaṁ mayā te 'dya
yogaḥ proktaḥ purātanaḥ
bhakto 'si me sakhā ceti
rahasyaṁ hy etad uttamam
(BG 4.3)

Nkyerɛase ne sɛ....Awurade ka kyerɛɛ Arjuna sɛ "Saa yoga, Bhagavad-gītā yi, Me dii kan ka kyerɛɛ awia-wura na awia-wura kyerɛɛ ase maa Manu. Manu kyerɛɛ ase maa Ikṣvāku, saa ara na yoga yi asian akandifo ka kyerɛ akyika fo. nanso bere twaam no saa nhyehyɛe yi ayera. Eyi nti, Me reda saa yoga nyehyɛe yi adi bio saa yoga dedaw yi, Bhagavad-gītā, ana Gītopaniṣad yi. Esiane sɛ, wo yɛ Me somfo ne M'adamfo Enti wo nkutoo na wobetumi ate ase."

Asɛm yi nkyerɛase ne sɛ, Bhagavad-gītā yɛ nhoma bi a Awurade akyidifo nkutoo na wɔte ase. Nimdefo akuw akuw abiɛsa na ɛwɔ hɔ, edikan ne jñānī, na afei yogī ɛne bhakta. Anaa sɛ, impersonalist (nea onnye nni sɛ Awurade wɔ honamdua), meditator (nea ɔhwehwɛ Awurade a ɔte koma mu) ɛne devotee (Awurade asomfo ankasa) Enti w'akyerɛ mu yiye wɔ ha. Awurade asi no pi akyerɛ Arjuna sɛ "Me di kan aka asɛm yi akyerɛ wo anaa sɛ, wo na wodi kan wɔ paramparā nhyehyɛe yi mu. Esiane sɛ paparamparā nhyehyɛe dedaw no ayera, Enti Mepɛ sɛ me hyehyɛ paramparā foforo ɔkwan a me hyehyɛɛ nea edi kan a efi awia wura so reba no. Enti fa na wo nso da no adi. Anaa, Menam wo so na meda Bhagavad-gītā adi Wo ne nea odi kan ate Bhagavad-gītā yi ase. Eyi kyerɛ sɛ wɔdaa Bhagavad-gītā adi kyerɛɛ Arjuna. Awurade somfo ne Kṛṣṇa osuani Ɛnnyɛ eyi nko, ɔsan yɛ Kṛṣṇa adamfo. Enti nea ɔwɔ Kṛṣṇa su yi bi nkutoo na obetumi ate Bhagavad-gītā ase Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ osuani, ɛsɛ sɛ ɔne Awurade wɔ ayɔnkofa a ɛyɛ den.