AK/Prabhupada 0147 - Ordinary Rice is not Called Supreme Rice



Lecture on BG 7.1 -- Hong Kong, January 25, 1975

Asuafo no nim sɛ Nyame wɔ hɔ, na Ɔno ne Bhagavān no. Wɔfrɛ Awurade se Bhagavān. Ɛwo mu sɛ w'aka wɔ ha sɛ... Obiara nim sɛ Kṛṣṇa na odii kan na Ɔde Bhagavad-gītā too gua. Nanso Bhagavad-gītā no fa baabi no w'akyerɛ mu sɛ bhagavān uvāca. Bhagavān ne Kṛṣṇa - Nipa koro. Kṛṣṇas tu bhagavān svayam (SB 1.3.28). Bhagavān, ne nkyerɛ ase wɔ hɔ.

aiśvaryasya samagrasya
vīryasya yaśasaḥ śriyaḥ
jñāna-vairāgyayoś caiva
ṣaṇṇāṁ bhaga itīṅganā
(Viṣṇu Purāṇa 6.5.47)

Bhaga, yɛte asɛm bhāgyavān ase, bhāgya. Bhāgya, bhāgyavān, asɛm yi fi bhaga mu bae. Bhaga ase kyerɛ sɛ ahonya. Ahonya kyerɛ sɛ sika. Ɛbɛyɛ dɛn na nipa koro anya ne ho? Sɛ ɔwɔ sika, nimdeɛ, ne ahoɔfɛ, Sɛ ɔwɔ animonyam, nyansa, ahobrɛase - eyi ne Bhagavān nkyerɛase.

Enti sɛ yɛka "Bhagavān," ho asɛm a saa Bhagavān yi, Parameśvara yi... Īśvara, Parameśvara; Ātmā, Paramātmā; Brahman, Para-brahman - nsɛmfua abien na ɛwɔ ha. Baako yɛ enni mu baako nso yɛ parama, edi mu. Ɛte sɛ yɛnoa aduan na yɛnoa ɔmo ahorow ahorow Ɔmo wɛ hɔ. Ahorow no bi ne: anna, paramānna, puṣpānna, kicoranna, Enti anna a odi mu no wɔfrɛ no paramānna. Parama ase kyerɛ sɛ nea odi mu. Anna, ɔmo no wɔ hɔ nanso ɛyɛ dɛ. Ɔmo a enni mu no wɔnka se ɛyɛ dɛ. Nanso ɛyɛ ɔmo ara. Nanso sɛ wonoa ɔmo na akade bi te sɛ kṣīra ana nantwi nufu su ne akade bi a ɛkeka ho foa no so a wɔfrɛ no se paramānna Saa ara na ɛte wɔ onipa dasani ne Bhagavān ho Bhagavān... Yɛwɔ hpnamdua yi; saa ara na Bhagavān nso wɔ honam dua. Bhagavān yɛ ɔkra teasefo; yɛn nso yɛ yɛ akra atease fo. Bhagavān wɔ tumi a wɔde bɔ ade; Yɛn nso yɛwɔ saa tumi no bi. Nsonsonoe a ɛwɔ mu ne sɛ Ɔyɛ ɔkɛse. Eko yo bahūnāṁ vidadhāti kāmān. Sɛ Bhagavān bɔ asase a, onhia obiara mmoa. Ɔbɔ ewim. Nnyigyei fi ewim ba; mframa fi nnyigyei mu ba; na ogya nso afi mframa mu aba; nsu fi ogya mu; na asase fi nsu mu.