AK/Prabhupada 0148 - We Are Part and Parcel of God



Lecture on SB 7.6.1 -- Madras, January 2, 1976

Eyi yɛ dharma. Sambandha, abhidheya, prayojana, nneɛma abiɛsa. W'akyɛ Veda no mu abiɛsa. Sambandha, ayɔnkofa a ɛda yɛn ne Awurade ntam. Eyi ne sambandha no. Na afei abidheya. Esiane ayɔnkofa yi nti ɛsɛ sɛ yɛkeka yɛn ho. Eyi ne abidheya Adɛn nti na yɛkeka yɛn ho? Esiane sɛ yɛwɔ ɔbra mu botae bi a yɛn ani si so. Dɛn ne botae yi? Botae no ne sɛ yabɛ kɔ Agya no nkyɛn. Eyi ne yɛn botae. Yɛyɛ Awurade ne fa bi. Awurade yɛ sanātana na ɔwɔ N'atrae, sanātana. Paras tasmāt tu bhāvo 'nyo 'vyakto 'vyaktāt sanātanaḥ (BG 8.20). Atrae bi wɔ hɔ a ɛte hɔ afebɔɔ. Ewiase yi, ɛnte hɔ afebɔɔ. Ɛyɛ bhūtvā bhūtvā pralīyate (BG 8.19). Wɔbɔe bere bi. Ɛte sɛwo ne me honam dua yi, wɔwoo no bere bi. Ɛte hɔ bere tiawa bi. Ebe nyin. Ɛbɛ wo mma. Ɛbɛ bɔ akokorawa, ɛbɛyɛ mmerɛw, na asa. Wɔfrɛ eyi se ṣaḍ-vikāra. Ewiase ade. Nanso beae bi wɔ hɔ a ṣaḍ-vikāra enni hɔ. Ɛte hɔ afebɔɔ. Wɔfrɛ saa tebea yi se sanātana-dhāma. Na jīva, yɛn akra ateasefo yi, yɛn nso yɛ te hɔ daa. Na hanyate hanyamāne śarīre (BG 2.20). Awurade nso yɛ sanātana. Enti yɛn su ankasa yɛ sanātana, Kṛṣṇa yɛ sanātana, na Kṛṣṇa wɔ N'atenae, sanātana. Sɛ yɛsan kɔ saa sanātana-dhāma yi mu, na yɛne okokroko sanātana, Kṛṣṇa.... Na yɛnso yɛyɛ sanātana. Ɔkwan a yɛbɛfa so anya saa atenae sonowonko yi, wɔfrɛ no sanātana-dharma. Yɛre di saa sanātana-dharma yi ho dwuma. Enti, sanātana-dharma. ne saa bhāgavata-dharma yi yɛ ade koro. Bhāgavata, Bhagavān. Bhāgavata fi bhagavān mu bae. Enti, saa bhāgavata-dharma yi Śrī Caitanya Mahāprabhu akyerɛkyerɛ mu. Ose, jīvera svarūpa haya nitya kṛṣṇa dāsa (Cc. Madhya 20.108-109). Yɛyɛ Kṛṣṇa asomfo. Nanso mprenpren yi, yɛwɔ ewiase tebea mu. ɛsɛ yɛn sɛ yɛyɛ Awurade ana Kṛṣṇa asomfo nanso, yɛresom nneɛma ahorow bebree, māyā, eyi nti na yɛre brɛ yi. Yɛn ani nnye. Biribiara ɛnnyɛ yie. Ɛtesɛ w'ayi dadowa afi afiri mu na dadowa no atɔ fam, ɛho nni mfaso biara. Nanso saa dadowa koro yi ara, sɛ wode hyɛ n'anan mu a afiri no san yɛ adwuma. Dadowa biako nti afiri no nnyɛ adwuma, Asɛe, enti wo de dadowa yi bɛbɔ mu. na afiri yi ayɛ adwuma bio, na dadowa yi ho aba mfaso. Enti, yɛyɛ Awurade, Kṛṣṇa ne fa bi. Mamaivāṁśo jīva-bhūtaḥ (BG 15.7), Ose, Kṛṣṇa. Enti, mprenpren yi y'atew yɛn ho. Y'ahwe ase. Mfantoho foforo ne ogya tanaa ne ogya nketewa. Ogya nketewa yi esiane sɛ ɛwɔ ogya no mu no ɛno nso yɛ ogya. Nanso, sɛ ogya nketewa y firi kɔtɔ baabi a ebedum. Na ogya no ho nni mfaso bio. Nanso wo fa de hyɛ ogya tanaa no mu bio a, ɛsan dɛw. Enti, saa na yɛn asetena yi te. Y'aba ewiase yi mu. Yɛnɛ Awurade Ne fa nkumaa bi de, nanso esiane sɛ yɛwɔ ewiase ha nti yɛn werɛ afi yɛne Awurade ayɔnkofa no, na yɛn... Manaḥ-ṣaṣṭhānīndriyāṇi prakṛti-sthāni karṣati (BG 15.7). Yɛne ewiase mmara redi atentam, enti nneɛma ahorow bebree asisi. Aha nso yɛresom esiane sɛ yɛyɛ asomfo afebɔɔ Nanso esiane sɛ yɛgyae Agya no so no nti, yɛresom nneɛma ahorow bebree. Tesɛ nea Ɔtɛmbuafo no kae no obiara ani nnye. Eyi yɛ nokware sɛm. Obiara ani nnye. Yɛn ani rennye esiane sɛ yɛyɛ Awurade asomfo afebɔɔ, Nanso, y'aba ewiase yi mu na yɛresom nkoa ahorow bebree Enti yɛrefa som ho adwene . Eyi yɛ bɔ tirimu ka. Manaḥ-ṣaṣṭhānīndriyāṇi prakṛti-sthāni karṣati (BG 15.7). Yɛredi atentam.